Native Speaker Sentences (from the WAXAL dataset) in Twi
Play 326 fill-in-the-blank cloze sentences and get fluent faster.
About this Collection
Description
326 sentences read aloud by native Twi speakers, from WAXAL, a speech dataset by Google Research with University of Ghana (https://huggingface.co/datasets/google/WaxalNLP), licensed CC BY 4.0 (https://creativecommons.org/licenses/by/4.0/). Clozemaster selected the sentences, corrected capitalisation, punctuation and diacritics, chose the missing words, added machine-translated English, which may contain mistakes, and converted the recordings to MP3. Please report any mistakes you find.
All 326 sentences
These sentences come from WAXAL, by Google Research with University of Ghana, licensed CC BY 4.0. Clozemaster selected the sentences, corrected capitalisation, punctuation and diacritics, chose the missing words, added machine-translated English, which may contain mistakes, and converted the recordings to MP3.
-
Mo mu hwan na ɔnni n’awoda wɔ afe biara mu?Which of you doesn't celebrate their birthday every year?
-
Agyinamoanini bi a ɔtua dua na adeɛ da ne kɔn mu de bɔɔlo bi redi agorɔA tomcat with a tail and something around its neck is playing with a ball.
-
Sɛ nkyene ante nkwan mu a, ɛyɛ a ɛnyɛ dɛ.If there isn't enough salt in the soup, it usually doesn't taste good.
-
Ɔpɛpɔn da a [1st] edi kan wɔ afe biara mu yɛ afe foforo da.The first of January every year is New Year's Day.
-
Aduane bɛn na wɔtaa di no anɔpa? Ampesie na nkurɔfoɔ taa di no anɔpa.What food do people often eat in the morning? Ampesie is what people often eat in the morning.
-
Nkurɔfoɔ tu mpasa wɔ kurom Fawohodie da biara.People parade through town every Independence Day.
-
Bankye ampesie ne nkontommire abomu yɛ aduane a ahemfo mpo ngoro ho koraa.Cassava ampesie with kontomire stew is a food that even kings don't joke with at all.
-
Wɔabue ntoma a ɛsɛn pono a nhwiren si anim no ano noThe curtain hanging at the window with flowers in front of it has been drawn open.
-
Wɔadi mfeɛ [3] mmeɛnsa. Ɔtɔ so [3rd] mmeɛnsa nti yɛfrɛ no Mansa. Ɔwɔ [P3] gyinapɛn mmeɛnsa.She is three years old. She is the third-born, so we call her Mansa. She is in class three.
-
Ɔkyena yɛ Fiada, nsuo bɛmuna pa ara a ɛnyɛ asɛnketewa. Saa ara na ɛbɛyɛ damu no nyinaa, nanso ɛnyɛ adeɛ a osuo biara bɛtɔ.Tomorrow is Friday; it will be heavily overcast, and that is no small matter. It will stay that way all day, but no rain is likely to fall.
-
Yawoada a ɛyɛ ɔkyena no, osuo bɛtɔ nkakrankakra ama awia nso abɔ berɛ korɔ no ara mu. Nanso wɔn biara ano renyɛ den.Tomorrow, Thursday, it will rain lightly while the sun shines at the same time. But neither of them will be strong.
-
Ababaawa sɔɔnɔ bi te akonnwa bi so. Ababaawa no hyɛ asepatere akokɔsradeɛ. Nwoma kakraka bi da n’anim a ɔrekenkan asua adeɛ wɔ mu.A slim young woman is sitting on a chair. The young woman is wearing yellow shoes. A huge book lies in front of her, which she is reading and learning from.
-
Mehunu atosodeɛ ahodoɔ [2] mmienu. Ntoosi ne Karɔte na wɔ mfoni no mu. Ne nyinaa ahosuo yɛ kɔkɔɔ.I see two different vegetables. Tomatoes and carrots are in the picture. They are all red.
-
Ewiem ayɛ kusuu wɔ beaeɛ a mmepɔ ne ɔtadeɛ wɔThe sky is gloomy over a place with mountains and a pond.
-
Ayarehwɛfoɔ binom gyinagyina dua kɛseɛ bi ase rebɔ nkɔmmɔ.Some nurses are standing under a big tree chatting.
-
Nkwadu mmeɛnsa gu hɔ. Nkwadu no abere. Nkwadu no ahosuo yɛ akokɔsradeɛ. Dua bi si nnuaba no akyi. Nhahamma bi afifiri mfikyire hɔ.Three bananas lie there. The bananas are ripe. The bananas are yellow. A tree stands behind the fruit. Some leaves have sprouted at the back.
-
Mehunu kwadu a abere ne kwadu dua. Kwadu no yɛ mmeɛnsa. Dua no ahosuo yɛ ahahammono ɛnna kwadu no ahosuo yɛ akokɔsradeɛ.I see ripe bananas and a banana tree. There are three bananas. The tree is green and the bananas are yellow.
-
Dua mman wɔ hɔ ebinom awuwu na ebi nso nkwa wɔ mu. Ɔwɔ bebare dua no ho. Ɔwɔ no ahosuo yɛ ahabammono. Yɛfrɛ no ɔkyereben.There are tree branches; some are dead and some still have life in them. A snake is coiled around the tree. The snake is green. It is called a green mamba.
-
Edin bɛn ankasa na wɔde too Lilwyn? Edin a Lilwyn, Ghana nsɛnkwaayifoɔ no mu baako awofoɔ de too no ankasa ne Kwadwo Nkansa.What is Lilwyn's real name? The real name that the parents of Lilwyn, one of Ghana's comedians, gave him is Kwadwo Nkansa.
-
Nneɛma atitire a ama Takyiman atumi abɔ Boɔyam Sacred Grove ho ban no yɛ ahensɛm, gyedie ne amammerɛ a wɔanya mu ahotɔsoɔ no.The main things that have enabled Techiman to protect the Boɔyam Sacred Grove are chieftaincy, belief and the traditions they have confidence in.
-
Mmoa a wɔn ho yɛ hare binom ne Sohori, gyata, sebɔ ne sisire.Some animals that are fast are the ostrich, lion, leopard and bear.
-
Kasapreko nkorabata a ɛwɔ Tanoso no da kwan ho. Efi hɔ kɔ Asɛmbilisifo asɔredan a ɛwɔ kwantempɔn no akyi no yɛ [6 mins] simma nsia.The Kasapreko branch at Tanoso is by the road. From there to the Assemblies of God church behind the highway is six minutes.
-
Mehunuu nnipa [3] baasa wɔ kwan so. Na [2] baanu hyɛ kyɛ na [1] baako nhyɛ kyɛ.I saw three people on the road. Two were wearing hats and one was not.
-
Mehunu mmepɔ ne mmɔnka. Nnua atenten nso sisi hɔ. Awia biara mmɔɔ wɔ beaeɛ ha.I see mountains and valleys. There are tall trees standing there too. There is no sunshine at all in this place.
-
Ayie wɔ ha yi, wobɛtumi akɔ afuom Memeneda yi?With a funeral on here, will you be able to go to the farm this Saturday?
-
Nhwiren a n'ahosuo yɛ ahabammono si mpoma bi animA green flower stands in front of a window.
-
University of Education, Winneba (UEW) yɛ akyerɛkyerɛfo nteteebea mapa.The University of Education, Winneba (UEW) is a good teacher training institution.
-
Ɛsiane sɛ mmɔfra pii wɔ yɛn fie nti, Memeneda duru a, wɔn nnamfonom nyinaa ba hɔ bɛdidi.Because there are many children in our house, when Saturday comes all their friends come there to eat.
-
Ankaa ne kube yɛ nnuaba a ɛma nipadua no ahoɔden mu pagya.Oranges and coconuts are fruits that boost the body's strength.
-
Nnuaba mmeɛnsa ne ntontom mmeɛnsa bi nieHere are three fruits and three mosquitoes.
-
Bosome apue wɔ atifi. Ɛpo da hɔ. Bosome no apue wɔ ɛpo no so. Ewiem ayɛ tumm. Adeɛ asa ama amanfoɔ adeda.The moon has come out overhead. The sea lies there. The moon has risen over the sea. The sky is pitch dark. Night has fallen and people have gone to sleep.
-
Yɛkɔma amanfoɔ afehyiapa Buronya da biara.We go and wish people a happy new year every Christmas Day.
-
Awia gedegede bi mu na nantwie bi gyina a ɔrewe nwura wɔ dua bi aseIn the blazing sun a cow is standing and eating grass under a tree.
-
Adomako yɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ Winneba Suapɔn mu.Adomako is a lecturer at the University of Winneba.
-
Nneɛma bɛn na wɔtaa de ka banku? Wɔtaa de aburo mmɔre ne bankye mmɔre na ɛbɔ mu ka banku.What is banku usually made from? Banku is usually made by mixing corn dough and cassava dough.
-
Mpɛsaa yɛ aburo aduane a abonofoɔ titire na wɔyɛ pa ara.Mpɛsaa is a maize dish made mainly by the Bono people.
-
Kyaenafoɔ adidibea a ɛwɔ Nkran no yɛ beae a nnuane asɔɔtoo wɔ.The Chinese restaurant in Accra is a place where there are all kinds of food.
-
Yɛde mmɔre ne bankye mmɔre na ɛka banku.We use dough and cassava dough to make banku.
-
Wopɛ sɛ wohunu adeɛ a, bisa Afia. Wɔfa Kwadwo se ɔpɛ aduane. Ama di dɔkono Memeneda biara.If you want to know something, ask Afia. Uncle Kwadwo says he wants food. Ama eats kenkey every Saturday.
-
Kyiniiɛ fɛfɛɛfɛ bi si haA beautiful umbrella stands here.
-
Awia apue wɔ wiem ama wiem ahyerɛn pa ara. Ewiem da hɔ fann. Ewiem ahosuo yɛ bibire, ɛnna mununkum mfitaa mfitaa deda mu.The sun has come out and made the sky very bright. The sky is clear. The sky is blue, with white clouds dotted across it.
-
Mehunu mununkum. Awia nso rebɔ kɛse pa ara. Ɛyɛ awiaberɛ.I see clouds. The sun is also shining very strongly. It is daytime.
-
Ɔsraani a ɔbɛdii Ghana akonnwa mfeɛ pii a ɛtwam no ne Ɔmanpanin Jerry John Rawlings.The soldier who came to rule Ghana many years ago was President Jerry John Rawlings.
-
Ken Ofori-Atta ayɛ ɔsoafo a ɔhwɛ Ghana sikasɛm so pɛn.Ken Ofori-Atta has served as Ghana's minister of finance before.
-
Toa a n'ahosuo yɛ kɔkɔɔ, fitaa ne bibire da ɔkra bi animA red, white and blue bottle lies in front of a cat.
-
Ɔsono tuntum a ɔtua aso na ne nufo ahyehyɛ gyina bepɔ bi so.A black elephant with ears and full udders is standing on a hill.
-
Bɔnka a nsuo tae mu da mmepɔ atentene [2] mmienu bi mfimfini a aboɔ nso wɔ tadeɛ no ho biA valley with water pooled in it lies between two tall mountains, and there are also stones around the pond.
-
Abrefa Busia firi Wankyi Mansini no mu, na ɔkɔɔ sukuu wɔ aburokyire.Abrefa Busia came from the Wenchi district, and he went to school abroad.
-
Afunumu bedeɛ a n'ahosuo yɛ tuntum ne fufuo bi gyina baabiA black and white female donkey is standing somewhere.
-
Abɔfra a ɔhyɛ ataadeɛ tuntum rebɔ rɔba bɔɔlo biA child wearing black clothes is kicking a rubber ball.
-
Adɛn nti na woahyɛ atadeɛ tuntum ɛnnɛ?Why are you wearing black clothes today?
-
Obi ahyɛ wo sɛ hyɛ atadeɛ a n'ahosuo yɛ nson bra ayeforɔ yi ase?Did someone force you to wear a grey dress to this wedding?
-
Ankaa [2] mmienu gu kɛntɛn bi mu. Ankaa no ahosuo yɛ akokɔsradeɛ. Ankaa a wɔatwa fa da ankaa a wɔntwaa mu no nkyɛn.Two oranges are in a basket. The oranges are yellow. An orange that has been cut in half lies beside the uncut oranges.
-
Ɛnnɛ wiem bɛyɛ wisiwisi, na ahum bɛtu. Awia remmɔ. Mframa a ɛbɛbɔ no de mfuturo ne ahum mu yareɛ nketenkete bɛbeba.Today the sky will be hazy, and there will be a storm. The sun will not shine. The wind that blows will bring dust and minor storm-related illnesses.
-
Onipa bi hyɛ mpaboa tuntum te ɔfese akonnwa mu rekenkanA person wearing black shoes is sitting in an office chair reading.
-
Ɛdeɛn pa ara na wode ayɛ w’anim fufuo saa? Ntoma kɔkɔɔ no yɛ damedame. Menni mpaboa tenten a ayɛ sɛ kɔkɔɔ biara wɔ hɔ.What on earth have you used to make your face so white? The red cloth is checked. I don't have any tall boots there that are anything like red.
-
Ghanafoɔ kɔfa samina wɔ Burkina Faso bɛtɔn.Ghanaians go and get soap from Burkina Faso to sell.
-
Me mfeɛ [20] aduonu awoda no sii Ɔpɛnima bosome no da a ɛtɔ so [20] aduonu. Me maame kyɛɛ me sidi [20] aduonu.My twentieth birthday fell on the twentieth of December. My mother gave me twenty cedis.
-
Adwuma titire bɛn na ɛkɔ so wɔ Abidjan? Abidjanfoɔ adwuma titire a wɔyɛ ne ntadetɔn, kuayɛ, anonneɛ yɛ.What is the main work that goes on in Abidjan? The main work the people of Abidjan do is selling clothes, farming and making drinks.
-
Amango kɔkɔɔ da hɔ. Amango no yɛ mmrɛ. Sunsum bi apue wɔ amango no ase.A red mango lies there. The mango is soft. A shadow has appeared beneath the mango.
-
Adeɛ asa ama ɔsrane apue wɔ beaeɛ a nsuo kɛseɛ bi daNight has fallen and the moon has come out over a place where a large body of water lies.
-
Ɔtadeɛ bi da bɔnka no mu. Mehunu abotan mmienu. Fam hɔ ahosuo yɛ ahahammono, ɛnna wiem nso ayɛ hann kakra.A pond lies in the valley. I see two rocks. The ground is green, and the sky is fairly bright.
-
Mmɛ ntiatia a wɔaso aduaba fɛfɛɛfɛ sisi bepɔ bi anim a ɛwiem ayɛ bibire a ani ahoa pa ara ne fitaaShort palm trees bearing beautiful fruit stand in front of a mountain, and the sky is a very pale blue and white.
-
Aprɛ yɛ aduaba a ɛyɛ dɛ yie.Apple is a very tasty fruit.
-
Ɔpɛpɔn da a [7th] ɛtɔ so nson yɛ Ghana amammara da.The seventh of January is Ghana's Constitution Day.
-
Addis Ababa yɛ kurow titiriw wɔ Ethiopia.Addis Ababa is the main city of Ethiopia.
-
Ɛhe na Yamoussoukro wɔ? Wobɛhu saa kurow yi wɔ ɔman Ivory Coast.Where is Yamoussoukro? You will find this city in the country of Ivory Coast.
-
Sɛ wobɛtumi aka abeteɛ a, wohia konkonte sam, nkateɛ gyeene, mako, ntoosi ne nnam.To be able to make abeteɛ, you need kokonte flour, groundnuts, onion, pepper, tomatoes and meat.
-
Anomaa sɔnɔɔnɔ bi ti wɔ mfonin no mu. Nhwiren hwehweehwam kamakama bi si hɔ. Nhwiren no ahosuo yɛ kɔkɔɔ ne ahabammono.The head of a slender bird is in the picture. A lovely, sweet-smelling flower stands there. The flower is red and green.
-
Mmepɔ atenten a onipa gyina akyire a wonhu no wɔ kwan no mfimfini. Yɛde [1hr] dɔnhwere baako na ɛforo koduru n'atifi.There are mountains in the middle of the road so tall that if a person stands behind them you can't see him. It takes us one hour to climb to the top.
-
Mepɛ deɛ ɔtɔ so [5th] nnum no. Ɔwɔ nkokɔ [5] num, na ɔwɔ lɔre [5] nnum.I like the fifth one. He has five chickens, and he has five cars.
-
Mehunu nhwiren fɛɛfɛ bi. Nhwiren no reyɛ akɔyɛ sɛ nsoromma, ɛwɔ nkyɛmu [5] nnum. Nhaban mmienu wɔ nhwiren no ase.I see a beautiful flower. The flower looks rather like a star; it has five parts. There are two leaves below the flower.
-
Wɔabue kuntunkuni bi muA kuntunkuni cloth has been spread open.
-
Abossey Okai yɛ bea a yɛtɔn lɔre ho akade.Abossey Okai is a place where car parts are sold.
-
Mempɛ awesawesa, enti m’ani nhyɛ da nnye ɛmo ho.I don't like a lot of chewing, so I am never keen on rice.
-
Wɔn a wɔwɔ Ghana Atifido Mantam mu no nni Tuozaafi nni agoro.Those in Ghana's Northern Region don't joke with tuozaafi.
-
Kwadu dua a anyini bi anim na kwadu bi ate daIn front of a full-grown banana tree lies a banana that has fallen off.
-
Borɔferɛ [1/2] fa bi twere ankaa [2] mmienu a ahabammono tua so nkyɛnHalf a papaya leans beside two oranges with green leaves on them.
-
Bayerɛ ampesie yɛ Abonofoɔ aduane a wɔpɛ pa ara. Frɔeɛ a wɔtaa de di bayerɛ ampesie yi yɛ nkontommire a yɛatwi de koobi apotɔ mu.Yam ampesie is a favourite food of the Bono people. The stew they usually eat with this yam ampesie is kontomire that has been ground, with koobi mashed into it.
-
Dua bi si hɔ. Aboateaa de ne ho abebare dua no. Aboateaa no atwe ne tɛkyerɛma abɛtɛ abɔntene.A tree stands there. A snake has coiled itself around the tree. The snake has stuck its tongue out.
-
Ɔmampanin John Fiifi Attah Mills nko ara ne ɔmampanin a wawu wɔ Ghana Abannwa so.President John Fiifi Attah Mills is the only president who has died in office in Ghana.
-
Yɛwoo Kofi Yesu Fida.Kofi was born on Good Friday.
-
Yɛwoo Kwame Memeneda.Kwame was born on a Saturday.
-
Adwoa Safo yɛ onimuonyamfo, mmom, yɛwoo no Dwowda.Adwoa Safo is an honourable person; what is more, she was born on a Monday.
-
Efiada sukuukɔ yɛ ahi sɛ biribi.Going to school on a Friday is so annoying.
-
Ɔkyerɛkyerɛni akyekyɛ nwoma ama mmɔfra no. Nwoma no deda pono so wɔ mmɔfra no anim. Nwoma no mu pii ahosuo yɛ ahahammono.The teacher has handed out books to the children. The books lie on the table in front of the children. Many of the books are green.
-
Kube a abere [21/2] mmienu ne fa bi gu hɔ a ahabammono tuatua [2] mmienu a wɔyɛ mua no soTwo and a half ripe coconuts lie there, with green leaves attached to the two whole ones.
-
Sonsono yi adwane afiri fie a ɔnnya baabi nna nti ɔde aborɔbɛ yi mu na ayɛ ne tenaberɛThis worm has run away from home and has nowhere to sleep, so it has made the inside of this pineapple its home.
-
Afia ahohoro bonsua nnan no mu kamakama de asisi didipono soAfia has washed the four cups nicely and set them on the dining table.
-
Asente, Boakye ne Boabeng yɛ anuanom.Asente, Boakye and Boabeng are siblings.
-
Dua mman no so na koterɛ a n'ahosuo yɛ efi bi guOn the tree branch there is a brown lizard.
-
Woba Ghana a, aduane a mmeranteɛ ne mmabaawa tɔ pa ara ne waakye.In Ghana, the food young men and young women buy the most is waakye.
-
Ogyam de, ɛyɛ Kwabena mmrane, na yɛwoo no Benada.As for Ogyam, it is Kwabena's praise name, and he was born on a Tuesday.
-
Bepɔ tenten bi si beaeɛ a nnua ntiantia sisiA tall mountain stands in a place where short trees stand.
-
Aberanteɛ bi a ɔhyɛ torɔsa a n'ahosuo yɛ akokɔ sradeɛ te akonnwa a n'ahosuo yɛ efi so rekenkan dawubɔ krataaA young man wearing yellow trousers is sitting on a brown chair reading a newspaper.
-
John Agyekum Kuffour Amammuo berɛ mu na ɔsesaa Ghana sidi no mu, nanso na ne nsusuiɛ te sɛ dada no ara.It was during John Agyekum Kuffour's administration that he redenominated the Ghana cedi, but its value stayed the same as before.
-
Hefa na wubehu Lome? Ɛyɛ kurow kɛse kamakama a ɛwɔ Togo.Where will you find Lomé? It is a lovely big city in Togo.
-
Hena ne sikakorabea Databank kɔfabae? Ken Ofori-Atta ne sikakorabea Databank kɔfabae.Who is the founder of the financial firm Databank? Ken Ofori-Atta is the founder of the financial firm Databank.
-
Nantwie kɛseɛ bi nie. N’ahosuo yɛ tuntum ne fufuo. Ɔwɔ mmɛn [2] mmienu.Here is a big cow. It is black and white. It has two horns.
-
Yɛbɛkɔ nsrahwɛ wɔ Bonomanso akɔtie kwan a na wɔfa so tɔn nkoa no.We will go on a visit to Bonomanso to hear about how slaves used to be sold.
-
Benada no wokɔɔ he?Where did you go on Tuesday?
-
Mathew Opoku Prempeh yɛ ɔmanyɔni wɔ Ghanaman mu.Mathew Opoku Prempeh is a politician in Ghana.
-
Dɛnkyɛm bi apagya ne ti a ɔde n'ase no akyekyere dunsini biA crocodile has raised its head and wrapped its tail end around a tree stump.
-
Me dɔfo Akosua yɛ Kwasiada akɔnnɔ hemmaa.My beloved Akosua is the Sunday queen of my heart's desire.
-
Ade kye na sɛ Fanteni nnii banku a, ɔse onnidii.When day breaks, if a Fante hasn't eaten banku, he says he hasn't eaten.
-
Nnomaa [3] mmeɛnsa atu nam wiem. Nhwiren fɛɛfɛ [3] mmeɛnsa nso wɔ nnomaa no ase. Nnomaa no ntaban no ahosuo yɛ bibire.Three birds are flying in the sky. There are also three beautiful flowers below the birds. The birds' wings are blue.
-
Ne din de Maanu. Ɔtɔ so [2] mmienu. Ne yerenom [2] baanu.His name is Maanu. He is the second-born. He has two wives.
-
Nwomasua ho hia a ɛhia nti, ɛtwa sɛ ɔwofoɔ biara tɔ pɛnsere ma ne mmaBecause education is so important, every parent must buy pencils for their children.
-
Asuo Tanɔ yɛ asukɛseɛ a ɛda Bonoman mu.The Tano is a big river in the Bono area.
-
Akosua wɔ nananom baasia.Akosua has six grandchildren.
-
Ghanafo binom pɛ borɔde ampesi pa ara.Some Ghanaians like plantain ampesi very much.
-
Atosode binom te sɛ mako ne gyeene abu so wɔ Agbogbloshie ne Kaneshie gua kɛse no so.Some vegetables such as pepper and onions are plentiful at the big Agbogbloshie and Kaneshie markets.
-
Henanom na wɔpɛ fufu pa ara? Asantefo pɛ fufu pa ara.Who likes fufu the most? The Asante like fufu very much.
-
Kurowpɔn Kumase wɔ Ghanaman mu.The city of Kumasi is in Ghana.
-
John Agyekum Kuffour, Jerry John Rawlings, Kwame Nkrumah, John Mahama ne John Fiifi Atta Mills nso ayɛ Ghana mampanyinfo pɛn.John Agyekum Kuffour, Jerry John Rawlings, Kwame Nkrumah, John Mahama and John Fiifi Atta Mills have also been presidents of Ghana before.
-
Afenyo Markins yɛ Effutu mmarahyɛbaguani.Afenyo Markins is the member of parliament for Effutu.
-
Ɔman Ghana mu, hefa na Kofi Kinaata fi? Sɛ woba ɔman Ghana mu a, nnwomtoni Kofi Kinaata fi Takoradi a ɛwɔ Atɔe Mantam mu.In Ghana, where is Kofi Kinaata from? If you come to Ghana, the musician Kofi Kinaata is from Takoradi in the Western Region.
-
Maame no fura ntama kɔkɔɔ.The woman is wearing a red cloth.
-
Nkwantabisa yɛ nyansafo mapa.Nkwantabisa is a truly wise person.
-
Archbishop Nicholas Duncan Williams yɛ Osɔfopɔn a ɔda Action Chapel ano wɔ Ghanaman mu.Archbishop Nicholas Duncan Williams is the senior pastor who leads Action Chapel in Ghana.
-
Nɛɛsefoɔ binom nenam mantam a wɔrewɔ COVID panneɛ. Ayarehwɛfoɔ a wɔwɔ Ghana dodoɔ no ara yɛ mmaa.Some nurses are going around the region giving COVID injections. Most of the nurses in Ghana are women.
-
Adɛn nti na wim yɛ fitaa?Why is the sky white?
-
Hemfa na wofaa amango bunu ahahammono yi?Where did you get this unripe green mango?
-
Sɛ ɛba no agokansibea a, yentum nyi Baba Yara akwa.When it comes to sports stadiums, we can't leave out Baba Yara.
-
Sɛ Wukuada duru na yɛntee ne nka a, yɛbɛti no.If Wednesday comes and we haven't heard from him, we will go after him.
-
Wɔahyehyɛ buuku a ne dodoɔ yɛ [6] nsia agu Ama anim sɛ ɔnkenkanSix books have been stacked in front of Ama for her to read.
Why learn with Clozemaster?
The fastest way to get fluent for advanced beginners and intermediate learners.
Play through thousands of “clozes”, fill-in-the-blank sentences. Learn in context, score points, and track your progress.
Always in context
50+ languages
Varying difficulty levels
Fun ways to play
Multiple choice
Play through thousands of sentences to practice your reading skills, expand your vocab, and level up your grammar skills.
Text input
Put your memory to the test while improving your writing skills. Find out whether you really remember that conjugation or spelling.
Practice listening
Fill in the missing word or sentence based on what you hear, or try the hands-free radio mode, currently in beta on the mobile app.
Best of all language learning apps I’ve tried, and I’ve tried a plenty. With this app, I actually retain the vocabulary and sentence structures I learn, while most other apps that provide a more fun game-like experience end up almost useless for actual learning.
—Pentti S., Google Play
Get fluent even faster with
Clozemaster Pro
Unlimited play
While a free account lets you play up to 30 sentences each day, a Pro account lets you practice as much as you want.
Unlimited listening
Understand your target language faster with unlimited listening practice in multiple modes for over 30 languages.
Unlimited languages
Maximize your learning potential with access to every language available on Clozemaster, at no extra cost.
Offline mode
Keep learning anytime, anyplace by downloading all of your collections to play offline in the mobile app.
Cloze-Reading
Improve your reading skills by filling in missing words for longer texts. Play Wikipedia articles, or import your own.
Customize to you
Adjust play options for how you learn best, including review intervals and number of sentences per round.
